2 Tesalonikafo TI 1. NKYEKYƐMU 1 Paulo ne Silvano ne Timoteo de kɔma Tesalonikafoɔ asafo a wɔwɔ yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu. 2 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo hɔ mma mo. 3 Ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa wɔ mo ho, anuanom, sɛdeɛ ɛfata, ɛfiri sɛ mo gyidie nyin ara, na mo nyinaa mu biara dɔ a ɔwɔ ma ne yɔnko dɔɔso; 4 Enti yɛn ankasa de mo hoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn asafo ahorow mu esiane mo boasetɔ ne mo gyidi wɔ mo ɔtaa ne ahohiahia nyinaa mu nti. 5 Ɛno yɛ Onyankopɔn atemmuo a ɛtene no ho sɛnkyerɛnne a ɛda adi pefee, na wɔabu mo sɛ mofata Onyankopɔn ahennie a mo nso mohunu amane no. 6 Na ɛyɛ tenenee wɔ Onyankopɔn anim sɛ ɔbɛtua ahohiahia ka ama wɔn a wɔhaw mo no; 7 Na mo a moayɛ basaa no, mo ne yɛn nnya ahomegyeɛ, berɛ a Awurade Yesu bɛyi ne ho adi afiri soro ne n’abɔfoɔ a wɔyɛ den no. 8 Ogya a ɛredɛw mu na yɛtɔ wɔn a wonnim Onyankopɔn na wɔntie yɛn Awurade Yesu Kristo asɛmpa no so were. 9 Ɔno na wɔde daa ɔsɛeɛ bɛtwe n’aso afiri Awurade anim, ne ne tumi animuonyam mu; 10 Ɛberɛ a ɔbɛba a wɔbɛhyɛ no anuonyam wɔ n’ahotefoɔ mu, na wɔn a wɔgye die nyinaa ani agye no (esiane sɛ wɔgye yɛn adansedie a yɛdii wɔ mo mu no diiɛ) saa da no. 11 Ɛno nti na yɛbɔ mpae ma mo daa, sɛ yɛn Nyankopɔn mmu mo sɛ mofata ɔfrɛ yi, na ɔma ne papayɛ mu anigyeɛ ne gyidie adwuma nyinaa mma mu. 12 Na wɔbɛhyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo din anuonyam wɔ mo mu, na mo nso wɔ ne mu, sɛdeɛ yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom teɛ. TI 2. NKYERƐKYERƐMU 1 Afei anuanom, yɛsrɛ mo, yɛn Awurade Yesu Kristo mmaeɛ ne yɛn a yɛaboaboa yɛn ho ano aba ne nkyɛn no so. 2 Na monnwosow mo adwene mu ntɛm, anaa monnhaw mo ho, anaa honhom anaa asɛm anaa nwoma a efi yɛn hɔ, sɛ Kristo da no abɛn. 3 Mommma obiara nnnaadaa mo, ɛfiri sɛ saa da no remma, gye sɛ obi a ɔhwe ase kane ba, na wɔayi saa onipa a ɔyɛ bɔne no adi, ɔsɛeɛ ba; 4 Ɔsɔre tia na ɔma ne ho so sen nea wɔfrɛ no Onyankopɔn anaa nea wɔsom no nyinaa; enti ɔtena Onyankopɔn asɔredan mu sɛ Onyankopɔn, na ɔda ne ho adi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn. 5 Monnkae sɛ bere a na meda mo nkyɛn no, mekaa yeinom kyerɛɛ mo? 6 Na afei monim deɛ ɛsie sɛ wɔbɛyi no adi wɔ ne mmerɛ mu. 7 Na amumuyɛ ho ahintasɛm reyɛ adwuma dedaw, deɛ ɔma kwan seesei no nko ara na ɔbɛma, kɔsi sɛ wɔbɛyi no afiri kwan so. 8 Na afei wɔbɛda saa Ɔbɔnefoɔ no adi, a Awurade de n’ano honhom bɛsɛe no, na ɔde ne mmaeɛ hann asɛe no.
9 Nea Satan de tumi ne nsɛnkyerɛnne ne atoro anwonwade nyinaa reyɛ adwuma akyi ne mmae no mpo. 10 Na amumuyɛ nnaadaa nyina ara wɔ hɔn a wɔyera mu; ɛfiri sɛ wɔannya nokorɛ no dɔ, na wɔagye wɔn nkwa. 11 Na yei nti na Onyankopɔn bɛsoma wɔn nnaadaa a emu yɛ den ama wɔagye atosɛm adi. 12 Na wɔabu wɔn nyinaa fɔ a wɔannye nokware no nni, na mmom wɔn ani gye amumuyɛ ho. 13 Na anuanom a Awurade dɔ mo, ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa wɔ mo ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn apaw mo afiri mfitiaseɛ akɔ nkwagyeɛ mu denam Honhom no kronkron ne nokorɛ mu gyidie so. 14 Ɛno na ɔnam yɛn asɛmpa no so frɛɛ mo baa yɛn Awurade Yesu Kristo anuonyam mu. 15 Enti anuanom, monnyina pintinn, na monkura atetesɛm a wɔde akyerɛkyerɛ mo no mu, sɛ ɛyɛ asɛm anaa yɛn krataa. 16 Na yɛn Awurade Yesu Kristo ankasa ne Onyankopɔn, yɛn Agya a ɔdɔ yɛn, na ɔnam adom so ama yɛn daa awerɛkyekye ne anidaso pa. 17 Monkyekye mo koma werɛ, na monhyɛ mo den wɔ asɛm pa ne adwuma pa biara mu. TI 3. NKYERƐKYERƐMU 1 Nea etwa to no, anuanom, mommɔ mpae mma yɛn, na Awurade asɛm no benya ahofadi, na wɔahyɛ no anuonyam, sɛnea ɛte wɔ mo ho no. 2 Na ama wɔagye yɛn afiri nnipa a wɔnte ase ne abɔnefoɔ nsam, ɛfiri sɛ nnipa nyinaa nni gyidie. 3 Nanso Awurade yɛ ɔnokwafoɔ, ɔno na ɔbɛsi mo den, na wabɔ mo ho ban afiri bɔne ho. 4 Na yɛwɔ awerɛhyɛmu wɔ Awurade mu sɛ ɔbɛka mo, sɛ moyɛ deɛ yɛhyɛ mo no na mobɛyɛ. 5 Na Awurade kyerɛ mo akoma kwan kɔ Onyankopɔn dɔ mu, ne boasetɔ a wɔtwɛn Kristo no mu. 6 Afei anuanom, yɛhyɛ mo wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu sɛ, momtwe mo ho mfi onua biara a ɔnam basabasa no ho, na ɛnyɛ atetesɛm a ogye fii yɛn hɔ no akyi. 7 Na mo ara monim sɛdeɛ ɛsɛ sɛ modi yɛn akyi, ɛfiri sɛ yɛammɔ yɛn bra basabasa wɔ mo mu. 8 Na yɛanni obiara aduane kwa; na yɛayɛ adwumaden ne ɔbrɛ awia ne awia, na yɛannye mo mu biara ho ka. 9 Ɛnyɛ sɛ yenni tumi nti, na mmom sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho nhwɛsoɔ ama mo sɛ yɛadi yɛn akyi. 10 Na bere a na yɛne mo wɔ hɔ mpo no, yɛhyɛɛ mo sɛ, sɛ obi mpɛ adwuma a, ɛnsɛ sɛ odi. 11 Na yɛte sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔnantew mo mu basabasa, wɔnyɛ adwuma koraa, na mmom wɔyɛ adagyew. 12 Na wɔn a wɔte saa no, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so hyɛ wɔn fo sɛ wɔmfa kommyɛ nyɛ adwuma na wonni wɔn ankasa aduane. 13 Na mo deɛ, anuanom, mommmrɛ papayɛ mu. 14 Na sɛ obi anni yɛn asɛm so denam krataa yi so a, hyɛ saa onipa no nsow, na wo ne no mmɔ, na n’ani awu. 15 Nanso mommmu no sɛ ɔtamfo, na mmom motu no fo sɛ onua. 16 Afei asomdwoeɛ Awurade no ara ma mo asomdwoeɛ daa. Awurade nka mo nyinaa ho. 17 Paulo nkyia a mede m’ankasa me nsa nkyia no, ɛno ne krataa biara mu agyiraehyɛde. 18 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa. Amen. (Wɔkyerɛw krataa a ɛto so abien a wɔde kɔmaa Tesalonikafo no fii Atene.)