Skip to main content

Twi - The Gospel of Mark

Page 1

Marko Asɛmpa no TI 1. NKYEKYƐMU 1 Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no asɛmpa no mfitiaseɛ; 2 Sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ adiyifoɔ no mu sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim, na ɔbɛsiesie wo kwan wɔ w’anim. 3 Obi a ɔteɛm wɔ sare so nne sɛ: Monsiesie Awurade kwan, na montene n’akwan. 4 Yohane bɔɔ asu wɔ ɛserɛ so, na ɔkaa adwensakyera asubɔ ho asɛm maa bɔne fafiri. 5 Na Yudea asase nyinaa ne Yerusalemfoɔ nyinaa firii adi kɔɔ ne nkyɛn, na wɔbɔɔ wɔn asu nyinaa wɔ Yordan asubɔnten no mu, na wɔkaa wɔn bɔne. 6 Na Yohane hyɛ yoma nhwi, na ɔde nwoma abɔso abɔ n’asen; na ɔdii mmoadabi ne wuram ɛwoɔ; 7 Na ɔkaa asɛm no kaa sɛ: Obi a ne ho yɛ den sen me di m’akyi reba a memfata sɛ mekotow na mebue ne mpaboa hama. 8 Mede nsuo na mabɔ mo asu, na ɔno de Honhom Kronkron bɛbɔ mo asu. 9 Na saa nna no mu no, Yesu firi Nasaret a ɛwɔ Galilea baeɛ, na Yohane bɔɔ no asu wɔ Yordan mu. 10 Na ntɛm ara ɔfirii nsuo no mu reba no, ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom no te sɛ aborɔnoma resiane aba ne so. 11 Ɛnne bi firii soro baeɛ sɛ: Wone me Dɔba a m’ani gye wo ho. 12 Na amonom hɔ ara Honhom no pam no kɔɔ ɛserɛ so. 13 Na ɔtenaa ɛserɛ no so adaduanan, Satan sɔɔ no hwɛeɛ; na na ɔne wuram mmoa no wɔ hɔ; na abɔfoɔ no nsom no. 14 Bere a wɔde Yohane too afiase no, Yesu baa Galilea kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa. 15 Na ɔkaa sɛ: Bere no adu mu, na Onyankopɔn ahennie abɛn. 16 Na ɔnam Galilea po no ho no, ɔhunuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔreto asau agu po mu, ɛfiri sɛ na wɔyɛ apofoɔ. 17 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommra m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa ayifoɔ. 18 Na amonom hɔ ara wogyaw wɔn asau no dii n’akyi. 19 Na ɔkɔɔ akyiri kakra no, ɔhunuu Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane a wɔn nso wɔ hyɛn no mu resiesie wɔn asau. 20 Na amonom hɔ ara ɔfrɛɛ wɔn, na wogyaw wɔn agya Sebedeo wɔ hyɛn no mu ne asomfo no dii n’akyi. 21 Na wɔkɔɔ Kapernaum; na homeda no, ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛɛ ade. 22 Na ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn nwonwa, ɛfiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ obi a ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ akyerɛwfoɔ. 23 Na ɔbarima bi a ɔwɔ honhom a ɛho ntew wɔ wɔn hyiadan mu. na ɔteɛɛm sɛ, . 24 Ɔkaa sɛ: Momma yɛnka; Dɛn na yɛne wo wɔ yɛ, wo Nasaretni Yesu? woaba sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim wo onipa ko a woyɛ, Onyankopɔn Kronkronni. 25 Na Yesu teateaa no kaa se: Ka wo komm na fi ne mu. 26 Na honhom fĩ no tetew ne mu, na ɔde nne kɛse teɛɛm no, ofii ne mu bae. 27 Na wɔn nyinaa ho dwirii wɔn araa ma wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Adeɛ bɛn ne eyi?” nkyerɛkyerɛ foforo bɛn na eyi yɛ? ɛfiri sɛ ɔnam tumi so hyɛ ahonhom fĩ mpo, na wɔtie no. 28 Amonom hɔ ara ne din trɛw kɔɔ Galilea mpɔtam hɔ nyinaa.

29 Na ntɛm ara, berɛ a wɔfiri hyiadan no mu no, wɔne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea fie. 30 Na Simon yere maame de atiridii da hɔ, na anon wɔka ne ho asɛm kyerɛɛ no. 31 Na ɔbaa hɔ bɛkyeree ne nsa, na ɔmaa no so; na amonom hɔ ara atiridii no gyaa no, na ɔsomm wɔn. 32 Na anwummerɛ, sɛ owia kɔtɔeɛ a, wɔde wɔn a wɔyare ne wɔn a ahonhommɔne ahyɛ wɔn nyinaa brɛɛ no. 33 Na kuro no mufoɔ nyinaa ahyiam wɔ ɔpon no ano. 34 Na ɔsaa nnipa bebree a wɔyare nyarewa ahodoɔ yareɛ, na ɔtuu ahonhommɔne bebree; na wɔamma ahonhommɔne no kwan sɛ wɔnkasa, ɛfiri sɛ wɔnim no. 35 Na adekyee no, ɔsɔree bere tenten ansa na ade resa no, ofii adi kɔɔ baabi a obiara nni hɔ, na ɔbɔɔ mpae wɔ hɔ. 36 Na Simon ne wɔn a wɔka ne ho dii n’akyi. 37 Na wɔhunuu no no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Nnipa nyinaa hwehwɛ wo. 38 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma yɛnkɔ nkuro a ɛdi hɔ no mu nkɔka asɛm no wɔ hɔ nso, ɛfiri sɛ ɛno nti na mefirii. 39 Ɔkaa asɛm no wɔ wɔn hyia adan mu wɔ Galilea nyinaa, na ɔtuu ahonhommɔne. 40 Na ɔkwatani bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no, na ɔkotow ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wopɛ a, wobɛtumi ate me ho. 41 Na Yesu yam hyehyee no, tenee ne nsa de ne nsa kaa no ka kyeree no se: Mepe; wo ho tew. 42 Ɔkasae no, amonom hɔ ara kwata no fii ne ho, na ne ho tew. 43 Na ɔhyɛɛ no denneennen, na ɔgyaa no ntɛm ara; 44 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ sɛ nka hwee nkyerɛ obiara, na mmom kɔ wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ no, na fa nneɛma a Mose hyɛeɛ no bɔ afɔdeɛ sɛ wo ho tew. 45 Na ɔfirii adi kɔeɛ, na ɔfirii aseɛ kaa asɛm no pii, na ɔmaa Yesu antumi ankɔ kuro no mu bio, na mmom na ɔwɔ abɔnten wɔ sare so, na wɔfiri baabiara baa ne nkyɛn. TI 2. NKYERƐKYERƐMU 1 Na ɔsan kɔɔ Kapernaum nna bi akyi; na wɔyɛɛ dede sɛ ɔwɔ fie hɔ. 2 Na amonom hɔ ara na nnipa bebree boaboaa wɔn ho ano, na baabiara nni hɔ a wɔbɛgye wɔn, ɔpon no ho mpo, na ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn. 3 Na wɔbaa ne nkyɛn, na wɔde mmubuafoɔ bi a wɔwoo no baanan baa ne nkyɛn. 4 Na wɔantumi ammɛn ne nkyɛn wɔ ahomasoɔ nti, wɔbuee ɔdan no atifi wɔ baabi a na ɔwɔ no, na wɔbubuu mu no, wɔde mpa a ɔyarefoɔ a wabubu no da so no guu fam. 5 Bere a Yesu huu wɔn gyidi no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo. 6 Na akyerɛwfo no bi te hɔ a wɔresusuw ho wɔ wɔn komam. 7 Adɛn nti na ɔbarima yi ka abususɛm saa? hena na obetumi de bɔne akyɛ gye Onyankopɔn nkutoo? 8 Amonom hɔ ara na Yesu hunuu ne honhom mu sɛ wɔredwendwene saa wɔ wɔn mu no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na modwen yeinom ho mo akoma mu? 9 Ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛka akyerɛ mmubuafo sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo; anaasɛ wobɛka sɛ: Sɔre na fa wo mpa na nantew? 10 Na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi wɔ asase so sɛ ɔde bɔne firi. ” 11 Mese wo sɛ, Sɔre na fa wo mpa, na kɔ wo fie.


Turn static files into dynamic content formats.

Create a flipbook
Twi - The Gospel of Mark by Filipino Tracts and Literature Society Inc. - Issuu