Skip to main content

Twi - The Gospel of John

Page 1

Yohane TI 1. NKYEKYƐMU 1 Mfitiaseɛ no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ka Onyankopɔn ho, na Asɛm no yɛ Onyankopɔn. 2 Saa ara na na ɛte wɔ Onyankopɔn fam mfiase no. 3 Ɔno na ɔyɛɛ nneɛma nyina ara; na ɔno nka ho no, wɔannyɛ biribiara a wɔayɛ. 4 Ɔno mu na nkwa wɔ; na nkwa no yɛ nnipa hann. 5 Na hann no hyerɛn sum mu; na esum no ante ase. 6 Ɔbarima bi wɔ hɔ a Onyankopɔn somaa no a ne din de Yohane. 7 Ɔno na ɔbaa hɔ sɛ ɔrebɛdi Hann no ho adanseɛ, na nnipa nyinaa nam ne so agye adi. 8 Na ɔnyɛ saa Hann no, na mmom wɔsomaa no sɛ ɔmmɛdi saa Hann no ho adanseɛ. 9 Na ɛno ne nokorɛ Hann a ɛhyerɛn obiara a ɔba wiase no. 10 Na ɔwɔ wiase, na ɔno na wɔyɛɛ wiase, na wiase nnim no. 11 Ɔbaa n’ankasa n’ankasa nkyɛn, na n’ankasa de no annye no. 12 Na wɔn a wɔgyee no no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn mma, wɔn a wɔgye ne din die no. 13 Wɔmfa mogya anaa ɔhonam apɛde anaa onipa apɛde mu na wɔwoo wɔn, na mmom Onyankopɔn na wɔwoo wɔn. 14 Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔtenaa yɛn mu, (na yɛhunuu n’animuonyam, anuonyam te sɛ Agya no ba korɔ no,) adom ne nokorɛ ahyɛ no ma. 15 Yohane dii ne ho adanse, na ɔteɛɛm sɛ: Oyi ne nea mekaa ne ho asɛm sɛ: Nea odi m’akyi no di m’anim, efisɛ na wadi m’anim. 16 Na ne mayɛ mu na yɛanya nyina ara, na adom asi adom ananmu. 17 Na mmara no nam Mose so de mae, na adom ne nokware no nam Yesu Kristo so bae. 18 Obiara nhuu Onyankopɔn da biara; Ɔba a ɔwoo no koro a ɔwɔ Agya no kokom no, ɔno na waka ne ho asɛm. 19 Na yei ne Yohane adansedie, berɛ a Yudafoɔ somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firii Yerusalem sɛ wɔnkɔbisa no sɛ: Hwan ne wo? 20 Na ɔpaee mu kaa, na wanmpene; nanso ɔpaee mu kae sɛ: Ɛnyɛ me ne Kristo no. 21 Na wobisaa no sɛ: Ɛnde dɛn? Wone Elia anaa? Na ɔkaa sɛ: Mennyɛ saa. Wone saa odiyifo no anaa? Na ɔbuaa sɛ: Dabi! 22 Ɛnna wobisaa no sɛ: Hwan ne wo? na yɛama wɔn a wɔsomaa yɛn no mmuaeɛ. Dɛn na woka fa wo ho? 23 Ɔkaa sɛ: Mene obi a ɔteɛm wɔ sare so sɛ: Teɛ Awurade kwan, sɛdeɛ odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no. 24 Na wɔn a wɔsomaa wɔn no yɛ Farisifoɔ. 25 Na wɔbisaa no sɛ: Ɛnde adɛn nti na wobɔ asu, sɛ ɛnyɛ wo ne Kristo anaa Elia ne odiyifoɔ no a? 26 Yohane buaa wɔn sɛ: Mede nsuo na ɛbɔ asu; 27 Ɔno ne nea odi m’akyi di m’anim, na memfata sɛ miyi ne mpaboa hama no. 28 Wɔyɛɛ yeinom wɔ Betabara wɔ Yordan agya, baabi a na Yohane rebɔ asu no. 29 Ade kyee no, Yohane huu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔkaa sɛ: Hwɛ Onyankopɔn Adwammaa a oyi wiase bɔne fi hɔ no.

30 Oyi ne deɛ mekaa ne ho asɛm sɛ: M’akyi na ɔbarima bi a ɔdi m’anim reba, ɛfiri sɛ na ɔdii m’anim. 31 Na minnim no, na mmom sɛ wɔbɛda no adi akyerɛ Israel nti, ɛno nti na maba sɛ mede nsuo bɛbɔ asu. 32 Na Yohane dii adanseɛ kaa sɛ: Mehunuu Honhom no sɛ ɔfiri soro siane te sɛ aborɔnoma, na ɔtenaa ne so. 33 Na minnim no, na deɛ ɔsomaa me sɛ memfa nsuo nkɔbɔ asu no, ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nea wobɛhunu sɛ Honhom no resiane ne so na ɔte ne so no, ɔno ne deɛ ɔde Honhom Kronkron bɔ asu. 34 Na mehunuu, na medii adanseɛ sɛ yei ne Onyankopɔn Ba no. 35 Ade kyee no, Yohane ne n’asuafo baanu begyinaa hɔ bio. 36 Na ɔhwɛɛ Yesu sɛ ɔnam no, ɔkaa sɛ: Hwɛ Onyankopɔn Adwammaa no! 37 Na asuafoɔ mmienu no tee sɛ ɔrekasa, na wɔdii Yesu akyi. 38 Ɛnna Yesu danee ne ho, na ɔhunuu sɛ wɔdi akyire, na ɔbisaa wɔn sɛ: Ɛdeɛn na morehwehwɛ? Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Rabi, (a ɛkyerɛ sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, ɛhe na wote?” 39 Ɔsee wɔn sɛ: Mommra mmɛhwɛ. Wɔba bɛhwɛɛ baabi a ɔte, na wɔtenaa ne nkyɛn da no, ɛfiri sɛ na ɛyɛ bɛyɛ dɔnhwereɛ a ɛtɔ so du. 40 Nnipa baanu a wɔtee Yohane kasa na wodii n’akyi no mu biako ne Simon Petro nua Andrea. 41 Odii kan huu ne nua Simon, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛahu Mesia a wɔkyerɛ ase ne Kristo no. 42 Na ɔde no brɛɛ Yesu. Na Yesu hunuu no no , ɔkaa sɛ: Wone Simon Yona ba. 43 Ɛda a edi hɔ no, na Yesu rekɔ Galilea, na ohu Filipo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Di m’akyi. 44 Na Filipo firi Betsaida, Andrea ne Petro kuro mu. 45 Filipo huu Natanael, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛahu nea Mose kyerɛw ne ho asɛm wɔ mmara no mu ne adiyifo no, Yesu Nasaretni, Yosef ba. 46 Na Natanael bisaa no sɛ: Adepa bi betumi afi Nasaret aba? Filipo ka kyerɛɛ no sɛ: Bra bɛhwɛ! 47 Yesu hunuu Natanael sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔkaa ne ho asɛm sɛ: Hwɛ Israelni ampa a nnaadaa biara nni ne mu! 48 Natanael bisaa no sɛ: Ɛhe na wunim me? Yesu bua see no sɛ: Ansa na Filipo refrɛ wo, bere a wowɔ borɔdɔma dua no ase no, na mahu wo. 49 Natanael bua see no sɛ: Rabi, woyɛ Onyankopɔn Ba; wone Israel Hene. 50 Yesu buaa no se, “ Esiane sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ, mahunu wo wɔ borɔdɔma dua no ase nti, wogye di? wobɛhunu nneɛma akɛseɛ a ɛkyɛn yeinom. 51 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nokorɛ, nokorɛ, mise mo sɛ, ɛno akyi no mobɛhunu ɔsoro abue, na Onyankopɔn abɔfoɔ aforo na wɔresiane aba Onipa Ba no so. TI 2. NKYERƐKYERƐMU 1 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔwaree wɔ Kana a ɛwɔ Galilea. na Yesu maame wɔ hɔ. 2 Na wɔfrɛɛ Yesu ne n’asuafoɔ no nyinaa baa awareɛ no ase. 3 Na bobesa ho yee won no, Yesu maame ka kyeree no se: Wonni bobesa biara. 4 Yesu bisaa no sɛ: Ɔbea, dɛn na me ne wo wɔ? me dɔn no nnya mmae.


Turn static files into dynamic content formats.

Create a flipbook