Skip to main content

Twi - Parable of the Lost Sheep, the Lost Coin, and the Prodigal Son

Page 1

Oguan a Ayera, Sika a Ayera, ne Ɔba Hohwini Luka 15:1-32 1 Afei towgyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ nyinaa bɛn no sɛ wɔrebɛtie no. 2 Na Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ no nwiinwii sɛ: Oyi gye nnebɔneyɛfoɔ na ɔne wɔn didi. 3 Na ɔkaa saa bɛ yi kyerɛɛ wɔn sɛ: 4 Mo mu hena na ɔwɔ nguan ɔha, sɛ ɔhwere wɔn mu baako a, onnyaw aduɔkron nkron no wɔ ɛserɛ so, na ɔnkɔdi deɛ ayera no akyi kɔsi sɛ ɔbɛhunu? 5 Na sɛ ɔhunu a, ɔde to ne mmati so, na ɔde ahurisie. 6 Na sɛ ɔduru fie a, ɔfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfo bom ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo ne me nni ahurusi; ɛfiri sɛ mahunu me nguan a wayera no. 7 Mese mo sɛ, saa ara nso na anigyeɛ bɛba ɔsoro wɔ ɔdebɔneyɛfoɔ baako a ɔsakyera ho, bɛboro nnipa atreneefoɔ aduɔkron nkron, a wɔnhia adwensakyera. 8 Na ɔbaa bɛn na ɔwɔ dwetɛ asinasin du, sɛ ɔyera baako a, ɔnsɔ kyɛnere, na ɔnprapra fie hɔ, na ɔmfa nsi nhwehwɛ nkɔsi sɛ ɔbɛhunu? 9 Na sɛ ohu a, ɔfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfo bom ka sɛ: Mo ne me nni ahurusi; ɛfiri sɛ mahunu asinasin a na mahwere no. 10 Saa ara nso na mese mo sɛ, anigyeɛ wɔ Onyankopɔn abɔfoɔ anim wɔ ɔdebɔneyɛfoɔ baako a ɔsakyera ho. 11 Na ɔkaa sɛ: Ɔbarima bi wɔ mmabarima mmienu. 12 Na wɔn mu kumaa no ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Agya, ma me agyapadeɛ a ɛbɛtɔ me so no kyɛfa. Na ɔkyekyɛɛ n’asetena mu maa wɔn. 13 Na nna pii akyi no, ɔba kumaa no boaboaa ne nyinaa ano, na ɔfaa n’akwantuo kɔɔ akyirikyiri asase bi so, na ɔsɛee n’ahodeɛ wɔ hɔ de basabasa asetena. 14 Na ɔsɛee ne nyinaa wiei no, ɔkɔm kɛseɛ bi sii wɔ saa asaase no so; na ɔhyɛɛ aseɛ dii hia. 15 Na ɔkɔɔ hɔ kɔkaa ne ho kɔkaa saa ɔman ba bi ho; na ɔsomaa no kɔɔ n’afuo mu sɛ ɔnkɔhwɛ mprako. 16 Na n’ani begye ho sɛ mprako no nwura bɛhyɛ ne yafunu ma, na obiara amma no. 17 Na ɔduruu ne tirim no, ɔkaa sɛ: M’agya asomfo dodoɔ a wɔwɔ aduane a ɛdɔɔso na ɛka, na ɔkɔm de me wuwu! 18 Mɛsɔre akɔ m’agya nkyɛn akɔka akyerɛ no sɛ: Agya, mayɛ bɔne atia ɔsoro ne w’anim. 1


19 Na memfata bio sɛ wɔbɛfrɛ me wo ba, yɛ me sɛ w’apamfo no mu baako. 20 Na ɔsɔre baa n’agya nkyɛn. Na ɔda so wɔ akyirikyiri no, n’agya huu no, na ne yam hyehyee no, na otutuu mmirika kɔhwee ne kɔn mu, na ɔfew n’ano. 21 Na ɔba no ka kyerɛɛ no sɛ: Agya, mayɛ bɔne atia ɔsoro ne w’anim, na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio. 22 Nanso agya no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa atade a eye sen biara mmra na monhyɛ no; na ɔde mpɛtea guu ne nsa, na ɔde mpaboa guu ne nan so. 23 Na momfa nantwi ba a wayɛ srade no mmra ha, na kum no; na momma yennidi, na yɛn ani nnye. 24 Na me ba yi awu, na wate ase bio; ɔyerae, na wɔahu no. Na wofii ase gyee wɔn ani. 25 Na ne ba panyin no wɔ wuram, na ɔbaa fie no, ɔtee nnwonto ne asaw. 26 Na ɔfrɛɛ nkoa no mu baako bisaa deɛ yeinom kyerɛ. 27 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo nua no aba; na w’agya akum nantwi ba a wayɛ sradeɛ no, ɛfiri sɛ wagye no dwoodwoo. 28 Na ne bo fuwii, na wampɛ sɛ ɔbɛkɔ mu, enti n’agya firii adi bɛsrɛɛ no. 29 Na ɔbuaa n’agya sɛ: Hwɛ, mfeɛ bebree yi na mede asom wo, na manto w’ahyɛdeɛ so da biara, nanso woamma me abirekyi da sɛ me ne me nnamfonom bɛgye m’ani. 30 Na wo ba a ɔne nguaman awe w’asetena yi bae ara pɛ na woakum nantwi ba a wayɛ srade no ama no. 31 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔba, wo ne me wɔ hɔ daa, na deɛ mewɔ nyinaa yɛ wo dea. 32 Na ɛfata sɛ yɛgye yɛn ani na yɛn ani gye, ɛfiri sɛ na wo nua yi awu, na wanya nkwa bio; na wayera, na wɔahu.

2


Turn static files into dynamic content formats.

Create a flipbook
Twi - Parable of the Lost Sheep, the Lost Coin, and the Prodigal Son by Filipino Tracts and Literature Society Inc. - Issuu