Aduan a Wɔde Ma 5000 no Mateo 14:13-21 13 Bere a Yesu tee no, ɔde hyɛn fii hɔ kɔɔ sare so baabi a ɛda nsow, na bere a ɔman no tee no, wɔde nantew dii n’akyi fii nkurow no mu. 14 Na Yesu firii adi, na ɔhunuu nnipakuo bebree, na ne yam hyehyee no maa wɔn, na ɔsaa wɔn ayarefoɔ yareɛ. 15 Na eduu anwummere no, n’asuafo no baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Yei yɛ sare so, na bere no atwam; montu dɔm no nkɔ, na wɔnkɔ nkuraa no ase, na wɔakɔtɔ aduane ama wɔn ho. 16 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛho nhia sɛ wɔfiri hɔ kɔ; momma wɔn nnidi. 17 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Abodoo anum ne mpataa mmienu pɛ na yɛwɔ ha. 18 Ɔkaa sɛ: Momfa wɔn mmrɛ me ha. 19 Na ɔhyɛɛ nnipakuo no sɛ wɔntena sare no so, na ɔfaa paanoo nnum no ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro, hyiraa, na ɔbubuu, na ɔde paanoo no maa n’asuafoɔ no, na asuafoɔ no nso maa nnipakuo no. 20 Na wɔn nyinaa didi, na wɔmee, na wɔboaboaa asinasin a aka no mu nkɛntɛn dumien ma. 21 Wɔn a wodidi no yɛ mmarima bɛyɛ mpem anum a mmea ne mmofra nka ho.
Marko 6:30-44 30 Na asomafoɔ no boaboaa wɔn ho ano kɔɔ Yesu nkyɛn bɛkaa deɛ wɔayɛ ne deɛ wɔkyerɛkyerɛeɛ nyinaa kyerɛɛ no. 31 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara mommra sare so, na monhome kakra, ɛfiri sɛ na nnipa bebree reba na wɔrekɔ, na wɔnnya ahomegyeɛ biara sɛ wɔbɛdidi. 32 Na wɔde po so hyɛn fii hɔ kɔɔ sare so wɔ kokoam. 33 Na nkurɔfoɔ no hunuu sɛ wɔrekɔ, na nnipa bebree huu no, na wɔtuu mmirika firii nkuro nyina ara mu kɔɔ hɔ, na wɔdii wɔn anim, na wɔhyiaa ne nkyɛn. 34 Na Yesu firii adi no, ɔhunuu nnipa bebree, na ne yam hyehyee no, ɛfiri sɛ na wɔte sɛ nguan a wɔnni oguanhwɛfoɔ.
1
35 Ɛberɛ a ɛda no duruiɛ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɛha yɛ sare so, na afei ɛberɛ no atwam. 36 Gya wɔn kwan na wɔnkɔ nkuraase ne nkuraa ase nkɔtotɔ aduane ama wɔn ho, ɛfiri sɛ wɔnni biribiara a wɔbɛdi. 37 Ɔbua see wɔn sɛ: Momma wɔn nnidi. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛnkɔtɔ paanoo a ne bo yɛ peni ahanu na yɛma wɔn nni? 38 Ɔsee wɔn sɛ: Abodoo ahe na mowɔ? kɔ na kɔhwɛ. Na wɔhunuu no, wɔkaa sɛ: Anum ne mpataa mmienu. 39 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmma wɔn nyinaa ntena akuwakuw wɔ sare momono no so. 40 Na wɔtenaa ase nnidiso nnidiso, ɔhaha ne aduonum. 41 Na ɔfaa paanoo nnum no ne mpataa mmienu no wieeɛ no, ɔhwɛɛ soro, na ɔhyiraa, na ɔbubuu paanoo no de maa n’asuafoɔ no sɛ wɔmfa nsi wɔn anim; na mpataa mmienu no kyekyɛɛ wɔn nyinaa mu. 42 Na wɔn nyinaa didi, na wɔmee. 43 Na wɔboaboaa nkɛntɛn dumienu a asinasin ne mpataa no ahyɛ mu ma. 44 Wɔn a wodii paanoo no bi bɛyɛ mmarima mpem anum.
Luka 9:10-17 10 Na asomafoɔ no san baeɛ no, wɔkaa deɛ wɔayɛ nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔfaa wɔn kɔɔ kokoam kɔɔ kuro bi a wɔfrɛ no Betsaida dea so. 11 Na ɔman no tee no, wɔdii n’akyi, na ɔgyee wɔn, na ɔkaa Onyankopɔn ahennie ho asɛm kyerɛɛ wɔn, na ɔsaa wɔn a wohia ayaresa. 12 Na da no fii ase sɛe no, dumien no ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: Gya nnipakuw no kwan ma wɔnkɔ nkurow ne nkuraase a atwa ho ahyia no mu, na wɔakɔda akɔpɛ aduan, efisɛ yɛwɔ sare so ha. 13 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma wɔn nnidi. Na wɔkaa sɛ: Yenni bi bio gye paanoo anum ne mpataa mmienu; gye sɛ yɛkɔtotɔ nam ma saa nkurɔfoɔ yi nyinaa. 14 Na wɔyɛ mmarima bɛyɛ mpemnum. Na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Momma wɔntena ase aduonum. 15 Na wɔyɛɛ saa, na wɔmaa wɔn nyinaa tenaa ase. 16 Afei ɔfaa paanoo nnum no ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro, hyiraa so, bubuu mu de maa asuafoɔ no sɛ wɔmfa nkɔ nnipakuo no anim. 17 Na wodidi, na wɔn nyinaa memee, na wɔboaboaa nkɛntɛn dumien ano asinasin a ɛkaa wɔn.
Yohane 6:1-14 1 Yeinom akyi no, Yesu twaa Galilea po a ɛne Tiberia Po no. 2 Na nnipakuo bebree dii n’akyi, ɛfiri sɛ wɔhunuu n’anwonwadeɛ a ɔyɛɛ wɔn a wɔyare no. 3 Na Yesu foro kɔɔ bepɔ bi so, na ɔne n’asuafoɔ no tenaa hɔ. 4 Na twam afahyɛ a ɛyɛ Yudafoɔ afahyɛ no abɛn. 5 Ɛnna Yesu maa n’ani so hunuu sɛ nnipakuo kɛseɛ bi reba ne nkyɛn no, ɔbisaa Filipo sɛ: Ɛhe na yɛbɛtɔ paanoo ama yeinom adi? 6 Na ɔkaa yei de sɔɔ no hwɛe, ɛfiri sɛ ɔno ara nim deɛ ɔbɛyɛ. 7 Filipo buaa no sɛ: Abodoo a ne bo yɛ peni ahanu nnɔɔso mma wɔn, na wɔn mu biara bɛfa kakra. 8 N’asuafoɔ no mu baako, Andrea, Simon Petro nua, ka kyerɛɛ no sɛ: 9 Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ atoko paanoo anum ne mpataa nketewa mmienu; 10 Na Yesu kaa sɛ: Ma mmarima no ntena ase. Afei na sare pii wɔ beae hɔ. Enti mmarima no tenaa ase, na wɔn dodow bɛyɛ mpem anum.
2
11 Na Yesu faa paanoo no; na ɔdaa ase wiei no, ɔkyekyɛɛ maa asuafoɔ no, na asuafoɔ no nso maa wɔn a wɔtete hɔ no; na saa ara nso na mpataa no nso dodoɔ biara a wɔpɛ. 12 Bere a wɔmee no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Mommoaboa asinasin a aka no ano na biribiara annyera. 13 Enti wɔboaboaa wɔn ano, na wɔde atoko paanoo anum no asinasin a ɛkaa wɔn a wɔadi no guu nkɛntɛn dumien mu ma. 14 Na mmarima no huu anwonwade a Yesu yɛe no, wɔkae sɛ: Nokwarem no, odiyifo a ɔreba wiase no ni.
3