Skip to main content

Twi - God-given Breath

Page 1

Ɔhome a Onyankopɔn de ama Momma biribiara a ɔwɔ ahome nyi AWURADE ayɛ. Monyi AWURADE ayɛ. Dwom 150:6

Nhoma Pentateuch Na AWURADE Nyankopɔn de asase so mfutuma yɛɛ onipa, na ɔhome nkwa home guu ne hwene mu; na onipa bɛyɛɛ ɔkra teasefoɔ. Genesis 2:7 Na, hwɛ, me, me mpo, mede nsuyiri bɛba asaase so, sɛ mɛsɛe ɔhonam nyina ara, a nkwa home wɔ mu, firi ɔsoro ase; na biribiara a ɛwɔ asase so bɛwu. Genesis 6:17 Na wɔkɔɔ Noa nkyɛn wɔ adaka no mu, ɔhonam a nkwa home wɔ mu no mu mmienu mmienu. Genesis 7:15 Wɔn a nkwa home wɔ wɔn hwene mu nyinaa wuwui. Genesis 7:22 Na saa nkurɔfoɔ yi nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de ama wo sɛ agyapadeɛ no, nnye biribiara a ɛhome nkwa: Deuteronomium 20:16

Abakɔsɛm Na Yosua kunkumm nkokoɔ ne anafoɔ fam ne bonhwa ne nsuten ne wɔn ahemfo nyinaa, na wannya obiara anka, na ɔsɛee wɔn a wɔhome nyinaa koraa, sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn hyɛeɛ no. Yosua 10:40 Na wɔde nkrante kunkum akra a wɔwɔ mu nyinaa, na wɔsɛee wɔn koraa, na obiara nni hɔ a wɔbɛhome, na ɔde ogya hyew Hasor. Na nkuro yi mu asade nyinaa ne anantwie, Israelfoɔ faa wɔn ho. nanso wɔde nkrante ano kum obiara kosii sɛ wɔsɛee wɔn, na wɔannyaw obiara sɛ ɔnhome. Yosua 11:11,14 Na ɛpo mu nsuten puei, wiase fapem huu, AWURADE animka ne ne hwene mu ahomegyeɛ mu. 2 Samuel 22:16 Na ɔdii hene no, ɔkunkumm Yeroboam fiefoɔ nyinaa; wannyaw obiara a ɔbɛhome amma Yeroboam kosii sɛ ɔsɛee no, sɛnea AWURADE asɛm a ɔnam n’akoa Ahiya a ofi Silon so kaeɛ no teɛ: 1 Ahene 15:29 Na ɛbaa sɛ yeinom akyi no, ɔbaa no ba a ɔyɛ ofie wura no yaree; na ne yareɛ no yɛɛ den araa ma na ahome biara nka ne mu. 1 Ahene 17:17

Anwensɛm Onyankopɔn pae na wɔyera, na ne hwene mu home na wɔsɛe wɔn. Hiob 4:9


Turn static files into dynamic content formats.

Create a flipbook
Twi - God-given Breath by Filipino Tracts and Literature Society Inc. - Issuu