Skip to main content

Twi - Courage Is Beautiful - Psalm 27

Page 1

Akokoɔduro Nhoma Pentateuch Na mo suro ne mo ho suro bɛba asase so mmoa nyinaa ne wim nnomaa nyinaa so, wɔn a wɔkyinkyin asase so nyinaa ne ɛpo mu mpataa nyinaa so; wɔde wɔn ahyɛ wo nsam. Genesis 9:2 Yeinom akyi no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehunu mu sɛ: Abram, nsuro, mene wo kyɛm ne w’akatua kɛseɛ. Genesis 15:1 Na Onyankopɔn tee abarimaa no nne; na Onyankopɔn bɔfoɔ no firi soro frɛɛ Hagar ka kyerɛɛ no sɛ: Hagar, ɛdɛn na ɛyare wo? nnsuro; ɛfiri sɛ Onyankopɔn ate abarimaa no nne wɔ baabi a ɔwɔ. Genesis 21:17 Na AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ no anadwo no ara, na ɔkaa sɛ: Mene w’agya Abraham Nyankopɔn, nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, na mɛhyira wo, na m’akoa Abraham nti mɛma w’asefoɔ adɔɔso. Genesis 26:24 Na ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa, ɛberɛ a wɔn yareɛ no, Yakob mma mmienu, Simeon ne Lewi, Dina nuanom, faa ne nkrantɛ, na wɔde akokoɔduro baa kuro no so, na wɔkumm mmarima no nyinaa. Genesis 34:25 Na ɔkaa sɛ: Asomdwoeɛ nka mo, monnsuro: mo Nyankopɔn ne mo agya Nyankopɔn ama mo ademudeɛ wɔ mo nkotokuo mu, na mewɔ mo sika. Na ɔde Simeon firii adi baa wɔn nkyɛn. Genesis 43:23 Na ɔkaa sɛ: Mene Onyankopɔn, w’agya Nyankopɔn, nsuro sɛ wobɛsian akɔ Misraim; ɛfiri sɛ ɛhɔ na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ: Genesis 46:3 Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munnsuro, na mewɔ Onyankopɔn ananmu anaa? Na mo deɛ, modwene bɔne tiaa me; na mmom Onyankopɔn pɛe sɛ ɛbɛyɛ papa, sɛ ɔbɛma abam, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ, sɛ ɔbɛgye nnipa bebree nkwa. Enti afei monnsuro: Mɛma mo ne mo nkumaa aduane. Na ɔkyekyee wɔn werɛ, na ɔkasa kyerɛɛ wɔn yie. Genesis 50:19-21 Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro, monnyina hɔ, na monhwɛ AWURADE nkwagyeɛ a ɔbɛkyerɛ mo nnɛ, ɛfiri sɛ Misraimfoɔ a moahunu wɔn nnɛ no, morenhunu wɔn bio daa. Exodus 14:13 Hwan na ɔte sɛ wo, AWURADE, anyame mu? hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu anuonyam, ayeyi mu suro, a ɔyɛ anwonwade? Ehu ne ehu bɛtɔ wɔn so; ɛnam wo basa kɛseɛ nti wɔbɛyɛ komm sɛ ɔboɔ; kɔsi sɛ wo man bɛtwa, AWURADE, kɔsi sɛ ɔman a woatɔ no bɛtwam. Exodus 15:11,16


Turn static files into dynamic content formats.

Create a flipbook
Twi - Courage Is Beautiful - Psalm 27 by Filipino Tracts and Literature Society Inc. - Issuu